Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Gitit+ so. Dawid dwom.
8 O yɛn Awurade Yehowa, hwɛ sɛdeɛ wo din yɛ kɛse fa wɔ asase nyinaa so,+
Wo a wɔka w’animuonyam ho asɛm ma no tra ɔsoro!+
2 Mmɔfra ne wɔn a wɔnom nufoɔ anom na woama ahoɔden atim,+
Wɔn a wɔtan woɔ nti;+
Woama ɔtamfo ne deɛ ɔtɔ werɛ asan.+
3 Sɛ mehunu wo soro, wo nsateaa ano adwuma,+
Bosome ne nsoromma a woasiesie+ no a,
4 Onipa+ ne hwan a wokae no,+
Na ɔdasani ne hwan a wohwɛ no?+
5 Woama no aba fam kakra asene wɔn a wɔsɛ Onyankopɔn,+
Na wode animuonyam+ ne anidie abɔ no abotire.+
6 Woma no di wo nsa ano nnwuma so;+
Na wode biribiara agu ne nan ase:+
7 Nnwan ne anantwie nyinaa,+
Ne wuram mmoa nso,+
8 Wiem nnomaa ne po mu mpataa,+
Biribiara a ɛnenam po akwan mu;+ wode ne nyinaa ama no.
9 O yɛn Awurade Yehowa, hwɛ sɛdeɛ wo din yɛ kɛse fa wɔ asase nyinaa so!+