Dwom
Dawid awerɛhoɔ dwom* a Benyaminni Kus nsɛm nti, ɔto maa Yehowa.
7 O Yehowa me Nyankopɔn, wo na mede wo ayɛ me dwankɔbea.+
Gye me firi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam, na gye me nkwa.+
2 Anyɛ saa a wɔbɛtete me* mu asinasini sɛdeɛ gyata tete nam mu no,+
Na wɔbɛhwim me akɔ a obiara rentumi nnye me.
3 O Yehowa me Nyankopɔn, sɛ mfomsoɔ bi na madi,
Sɛ bɔne bi na mayɛ,
4 Sɛ mede bɔne atua deɛ wayɛ me papa ka,+
Anaa mafom me tamfo nneɛma kwa a,*
5 Ɛnneɛ ma ɔtamfo ntaa me, na ɔmmɛkye me;*
Ma no ntiatia me* so wɔ fam
Na ɔmma m’animuonyam nsɛe wɔ dɔteɛ mu. (Sela)
6 O Yehowa, fa abufuo sɔre;
Sɔre ko tia m’atamfo abufuo,+
Ma wo mu so na boa me, na hwɛ ma wɔmfa atɛntenenee nto deɛ ɛda.+
7 Ma amanaman no ntwa wo ho nhyia,
Na wofiri soro bɛko atia wɔn.
O Yehowa, sɛdeɛ me tenenee teɛ
Ne sɛdeɛ m’abrabɔ di mu no, hwɛ ho bu me atɛn.+
9 Mesrɛ wo, ma nnebɔneyɛfoɔ bɔne to ntwa,