Numeri 23:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Megyina abotan soɔ no, mehuu wɔn, Na megyina nkokoɔ soɔ no, na m’ani tua wɔn. Wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔate wɔn ho,+ Na wɔmfa wɔn ho mfra amanaman no.+ Deuteronomium 33:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Israel bɛtena hɔ dwoodwoo,+Yakob abura bɛtena hɔ komm+Asase a ayuo ne nsã foforɔ abu soɔ so.+Na bosuo bɛsosɔ afiri ne soro.+ Mika 7:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Fa wo poma hwɛ wo man,+ wo nnwan a wɔyɛ w’agyapadeɛ no, wɔn a wɔn nko ara te kwaeɛ mu, turo mfimfini no.+ Ma wɔnnidi wɔ Basan ne Gilead+ te sɛ tete berɛ no mu.+
9 Megyina abotan soɔ no, mehuu wɔn, Na megyina nkokoɔ soɔ no, na m’ani tua wɔn. Wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔate wɔn ho,+ Na wɔmfa wɔn ho mfra amanaman no.+
28 Israel bɛtena hɔ dwoodwoo,+Yakob abura bɛtena hɔ komm+Asase a ayuo ne nsã foforɔ abu soɔ so.+Na bosuo bɛsosɔ afiri ne soro.+
14 Fa wo poma hwɛ wo man,+ wo nnwan a wɔyɛ w’agyapadeɛ no, wɔn a wɔn nko ara te kwaeɛ mu, turo mfimfini no.+ Ma wɔnnidi wɔ Basan ne Gilead+ te sɛ tete berɛ no mu.+