Genesis 18:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Worentumi nni asɛm a ɛte saa, sɛ wobɛkum ɔteneneeni aka ɔbɔnefoɔ ho ama no awie ɔteneneeni sɛ ɔbɔnefoɔ!+ Worentumi nyɛ saa da.+ Asase nyinaa temmufoɔ no renyɛ deɛ ɛtene anaa?”+ Dwom 51:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Wo nko ara na mayɛ wo bɔne;+Deɛ ɛnyɛ w’ani soɔ no, mayɛ.+Enti wodi bem wo kasa mu,+Na wo ho te, w’atemmuo mu.+ Dwom 145:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Yehowa tene n’akwan nyinaa mu+Na ɔyɛ ɔnokwafoɔ wɔ ne nnwuma nyinaa mu.+ Sefania 3:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Yehowa yɛ ɔteneneeni wɔ ne mu,+ na ɔnni amumuyɔsɛm.+ Anɔpa biara ɔda n’atemmusɛm+ adi. Na adekyeeɛ nso, ɛnsa.+ Nanso ɔbɔnefoɔ nnim aniwuo.+
25 Worentumi nni asɛm a ɛte saa, sɛ wobɛkum ɔteneneeni aka ɔbɔnefoɔ ho ama no awie ɔteneneeni sɛ ɔbɔnefoɔ!+ Worentumi nyɛ saa da.+ Asase nyinaa temmufoɔ no renyɛ deɛ ɛtene anaa?”+
4 Wo nko ara na mayɛ wo bɔne;+Deɛ ɛnyɛ w’ani soɔ no, mayɛ.+Enti wodi bem wo kasa mu,+Na wo ho te, w’atemmuo mu.+
5 Yehowa yɛ ɔteneneeni wɔ ne mu,+ na ɔnni amumuyɔsɛm.+ Anɔpa biara ɔda n’atemmusɛm+ adi. Na adekyeeɛ nso, ɛnsa.+ Nanso ɔbɔnefoɔ nnim aniwuo.+