Dawid ayeyi dwom.
א [ʼAʹleph]
145 Mɛyi wo ayɛ, O me Nyankopɔn, Ɔhene,+
Na mɛhyira wo din daa daa.+
ב [Behth]
2 Mɛhyira wo daa nyinaa,+
Mɛyi wo din ayɛ daa daa.+
ג [Giʹmel]
3 Yehowa yɛ kɛseɛ na ɔfata ayeyie pii,+
Na ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea.+
ד [Daʹleth]
4 Awoɔ ntoatoasoɔ akyi awoɔ ntoatoasoɔ bɛkamfo wo nnwuma,+
Na wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ no ho asɛm.+
ה [Heʼ]
5 W’animuonyam ne w’anidie a ɛhyerɛn+
Ne w’anwanwadwuma ho nsɛm na mɛdwendwene ho.+
ו [Waw]
6 Wo tumi a ɛyɛ hu no ho asɛm na nkurɔfoɔ bɛka;+
Na wo kɛseyɛ na mɛka ho asɛm.+
ז [Zaʹyin]
7 Wɔbɛka wo papayɛ bebrebe no ho nsɛm pii,+
Na wo tenenee nti wɔbɛto ahurisi dwom.+
ח [Chehth]
8 Yehowa yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,+
Ne bo kyɛre fu na n’adɔeɛ dɔɔso.+
ט [Tehth]
9 Yehowa yɛ ma nnipa nyinaa+
Na ne mmɔborɔhunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.+
י [Yohdh]
10 O Yehowa, wo nnwuma nyinaa bɛkamfo wo,+
Na w’anokwafoɔ bɛhyira wo.+
כ [Kaph]
11 Wɔbɛka w’ahennie animuonyam ho asɛm,+
Na wɔbɛka wo kɛseyɛ nso akyerɛ,+
ל [Laʹmedh]
12 Na ama nnipa mma ahunu wo nnwuma akɛseɛ+
Ne w’ahennie animuonyam hyerɛn.+
מ [Mem]
13 W’ahennie yɛ daa ahennie,+
Na wo nnisoɔ wɔ hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
ס [Saʹmekh]
14 Yehowa wowa wɔn a wɔhwe aseɛ nyinaa,+
Na ɔma wɔn a wɔakotoɔ nyinaa so gyina hɔ.+
ע [ʽAʹyin]
15 Wo na ani nyinaa hwɛ wo kwan,+
Na woma wɔn aduane berɛ a ɛsɛ mu.+
פ [Peʼ]
16 Wobue wo nsam+
Na woma ateasefoɔ nyinaa nya deɛ wɔpɛ di mee.+
צ [Tsa·dhehʹ]
17 Yehowa tene n’akwan nyinaa mu+
Na ɔyɛ ɔnokwafoɔ wɔ ne nnwuma nyinaa mu.+
ק [Qohph]
18 Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,+
Wɔn a wɔfrɛ no nokorɛdie mu no.+
ר [Rehsh]
19 Ɔbɛyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ama wɔn,+
Na ɔbɛtie wɔn sufrɛ na wagye wɔn.+
ש [Shin]
20 Yehowa wɛn wɔn a wɔdɔ no nyinaa,+
Na nnebɔneyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn.+
ת [Taw]
21 Yehowa ayeyie na m’ano bɛka;+
Ma honam nyinaa nhyira ne din kronkron no daa daa.+