Dwom
Dawid dwom.
144 Nhyira nka Yehowa, me Botan no;+
Deɛ ɔkyerɛ me nsa akodie,+
Ne me nsateaa ɔsa no;
M’abantenten ne me Gyefoɔ,+
Me kyɛm+ ne Deɛ madwane akɔtoa no;+
Deɛ ɔka nkurɔfoɔ hyɛ m’ase no.+
7 Tene wo nsa firi soro hɔnom;+
Gye me, na yi me firi nsuo bebree no mu,+
Gye me firi ananafoɔ nsam;+
Na wɔn nsa nifa yɛ nkontompo nsa nifa.+
9 O Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ mama wo.+
Sankuo a ɛso nhoma yɛ du so na mɛto dwom mama woɔ,+
Na wogye w’akoa Dawid firi nkrantɛ bɔne ano.+
11 Ma mennya me ho ntete, na gye me firi ananafoɔ nsam;+
Wɔn na wɔn ano ka atosɛm+
Na wɔn nsa nifa yɛ nkontompo nsa nifa;+
12 Na wɔka sɛ: “Yɛn mma mmarima te sɛ nnua nketewa a anyinyini wɔn mmeranteberɛ mu,+
Na yɛn mma mmaa te sɛ ntwea so adum a wɔayɛ no sɛ ahemfie deɛ;
13 Yɛn aduane korabea ayeyɛ amaama; nneɛma ahodoɔ nyinaa bi wom,+
Na yɛn nnwankuo abu abɔ ho wɔ yɛn mmɔnten so, ama baako adane apem ne ɔpedu,
14 Yɛn anantwie mu ayeyɛ duru; ɔsɛeɛ ne apɔn biara mma wɔn mu,+
Na yɛnte gyegyeegye biara wɔ yɛn mmɔnten so.+