146 Monyi Yah ayɛ!+
O me kra, yi Yehowa ayɛ.+
2 Mɛyi Yehowa ayɛ me nkwa nna nyinaa.+
Mete aseɛ yi, mɛto dwom ama me Nyankopɔn.+
3 Mommfa mo ho nnto adehyeɛ+
Anaa onipa ba a nkwagyeɛ biara nni ne mu so.+
4 Ne honhom firi kɔ,+ na ɔsan kɔ ne dɔteɛ mu;+
Da no ara, ne nsusuiɛ yera.+
5 Anigyeɛ ne onipa a Yakob Nyankopɔn yɛ ne boafoɔ;+
Deɛ n’ani da Yehowa, ne Nyankopɔn soɔ;+
6 Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase,+
Ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa,+
Ɔno na ɔkora nokorɛ so afebɔɔ,+
7 Ɔno na ɔbu atɛn ma wɔn a wɔsisi wɔn+
Na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane.+
Yehowa na ɔsane wɔn a wɔakyekyere wɔn.+
8 Yehowa bue anifirafoɔ ani;+
Yehowa ma wɔn a wɔakotoɔ so gyina hɔ;+
Yehowa dɔ ateneneefoɔ.+
9 Yehowa na ɔwɛn ɔhɔhoɔ;+
Ɔno na ɔdi boa agyanka ne okunafoɔ,+
Na nnebɔneyɛfoɔ kwan+ deɛ, ɔkyea no.+
10 Yehowa bɛdi hene akɔsi daa,+
O Sion, wo Nyankopɔn bɛdi hene akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.+
Monyi Yah ayɛ!+