66 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔgyaa ɔman no kwan,+ na wɔhyiraa ɔhene de anigyeɛ+ ne akomatɔyam+ kokɔɔ wɔn afie, adepa+ a Yehowa ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa nti.
7 Mɛka Yehowa adɔeɛ+ ne Yehowa ayeyie akyerɛ, deɛ Yehowa ayɛ ama yɛn+ ne nnepa a ɔnam ne mmɔborɔhunu+ ne n’adɔeɛ mmorosoɔ so ayɛ ama Israel fie nyinaa.+
12 Na wɔbɛba abɛto ahurisi dwom Sion bepɔ so+ na wɔabɔ ose Yehowa papayɛ ho,+ ayuo ne nsã+ foforɔ ne ngo ne nnwammaa ne anantwie+ ho. Wɔn akra bɛyɛ sɛ turo a ɛnya nsuo pii,+ na wɔrentotɔ piti bio.”+