Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Berɛ a ɔkɔɔ Bat-Seba+ ho a odiyifoɔ Natan baa ne nkyɛn no.
51 O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ.+
Sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe teɛ no, pepa me mmarato.+
2 Hohoro me ho koraa firi me mfomsoɔ ho,+
Na te me ho firi me bɔne ho.+
3 Me mmarato no, menim,+
Na me bɔne wɔ m’anim daa nyinaa.+
4 Wo nko ara na mayɛ wo bɔne;+
Deɛ ɛnyɛ w’ani soɔ no, mayɛ.+
Enti wodi bem wo kasa mu,+
Na wo ho te, w’atemmuo mu.+
5 Hwɛ! amumuyɔ mu na wɔwoo me,+
Na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.+
6 Hwɛ! Akoma mu nokorɛdie na w’ani gye ho,+
Na nyansa na ma menhunu no m’akoma mu.+
7 Fa sommɛ yi me ho bɔne na ama me ho ate,+
Hohoro me ho na menyɛ fitaa nsene sukyerɛmma.+
8 Ma mente ahosɛpɛ ne ahurisie,+
Na deɛ woabubu no no anya anigyeɛ.+
9 Yi w’ani firi me bɔne so,+
Na pepa me mfomsoɔ nyinaa.+
10 O Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me,+
Na fa honhom foforɔ a aseɛ atim hyɛ me mu.+
11 Nto me ntwene mfiri w’anim;+
Na wo honhom kronkron no nso, nyi mfiri me so.+
12 Ma mensan nni wo nkwagyeɛ ho ahurisie,+
Na ma mennya akoma a ɛbɛtie woɔ.+
13 Mɛkyerɛkyerɛ mmaratofoɔ w’akwan,+
Na abɔnefoɔ asan aba wo nkyɛn.+
14 O Onyankopɔn, me nkwagyeɛ Nyankopɔn,+ gye me firi mogya ho afɔdie mu,+
Na me kɛtrɛma de anigyeɛ aka wo tenenee ho asɛm.+
15 O Yehowa, bue m’ano,+
Na m’ano atumi aka w’ayeyie akyerɛ.+
16 W’ani nnye afɔrebɔ ho, ɛnyɛ saa a, anka mede bɛma wo;+
Ɔhyeɛ afɔdeɛ nsɔ w’ani.+
17 Onyankopɔn afɔdeɛ ne honhom a abubuo;+
O Onyankopɔn, akoma a abubuo na apɛkyɛ na worempoɔ.+
18 W’adom mu, wo ne Sion nni no yie;+
San to Yerusalem afasuo ɛ.+
19 Ɛno na w’ani bɛgye tenenee afɔdeɛ ho,+
Ɛne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔdeɛ mua;+
Ɛno na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔdeɛ w’afɔrebukyia soɔ.+