Dwom 39:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Gye me firi me mmarato nyinaa mu.+Mma deɛ ɔnni adwene mmmɔ me ahohora.+ Dwom 103:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Sɛdeɛ agya yi mmɔborɔhunu adi kyerɛ ne mma no,+Saa na Yehowa nso yi mmɔborɔhunu adi kyerɛ wɔn a wɔsuro no.+ Mmebusɛm 28:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Deɛ ɔkata ne mmarato soɔ no, ɛrensi no yie,+ na deɛ ɔka na ɔgyae no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.+ Yesaia 43:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “Me—me ara na mepepa+ wo mmarato,+ me din nti.+ Na merenkae wo bɔne bio.+ Yesaia 44:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Mɛpepa wo mmarato sɛ mununkum+ na mapepa wo bɔne sɛ suwisie.+ San bra me nkyɛn na mɛgye wo.+
13 Sɛdeɛ agya yi mmɔborɔhunu adi kyerɛ ne mma no,+Saa na Yehowa nso yi mmɔborɔhunu adi kyerɛ wɔn a wɔsuro no.+