Dwom 51:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 51 O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ.+Sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe teɛ no, pepa me mmarato.+ Dwom 103:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no,+Saa na wama yɛne yɛn mmarato ntam aware.+ Yesaia 1:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Yehowa asɛm nie: “Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yie.+ Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na sɛ ayɛ kɔɔ te sɛ kɔbene mpo a, ɛbɛyɛ sɛ odwan nwi. Yesaia 43:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “Me—me ara na mepepa+ wo mmarato,+ me din nti.+ Na merenkae wo bɔne bio.+ Yeremia 33:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Mɛdwira wɔn ho afiri wɔn mfomsoɔ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa ho,+ na mede wɔn mfomsoɔ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde ato me mmara no nyinaa bɛkyɛ wɔn.+ Asomafoɔ Nnwuma 3:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 “Enti monsakra mo adwene,+ na monnane mo ho+ mma wɔmpepa mo bɔne,+ na ahosan mmerɛ+ afiri Yehowa no ara nkyɛn aba
51 O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ.+Sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe teɛ no, pepa me mmarato.+
18 Yehowa asɛm nie: “Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yie.+ Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na sɛ ayɛ kɔɔ te sɛ kɔbene mpo a, ɛbɛyɛ sɛ odwan nwi.
8 Mɛdwira wɔn ho afiri wɔn mfomsoɔ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa ho,+ na mede wɔn mfomsoɔ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde ato me mmara no nyinaa bɛkyɛ wɔn.+
19 “Enti monsakra mo adwene,+ na monnane mo ho+ mma wɔmpepa mo bɔne,+ na ahosan mmerɛ+ afiri Yehowa no ara nkyɛn aba