Dwom 65:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Mfomsoɔ aboro me so.+Yɛn mmarato deɛ, wo na wobɛkata soɔ.+ Yesaia 43:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “Me—me ara na mepepa+ wo mmarato,+ me din nti.+ Na merenkae wo bɔne bio.+ Yesaia 44:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Mɛpepa wo mmarato sɛ mununkum+ na mapepa wo bɔne sɛ suwisie.+ San bra me nkyɛn na mɛgye wo.+ Mika 7:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Hwan ne Onyankopɔn te sɛ wo,+ deɛ ɔde mfomsoɔ firie+ na ɔyi n’ani firi n’agyapadeɛ nkaeɛ mmarato soɔ?+ Ɔrenkura n’abufuo mu daa, ɛfiri sɛ ɔpɛ adɔeɛ.+
18 Hwan ne Onyankopɔn te sɛ wo,+ deɛ ɔde mfomsoɔ firie+ na ɔyi n’ani firi n’agyapadeɛ nkaeɛ mmarato soɔ?+ Ɔrenkura n’abufuo mu daa, ɛfiri sɛ ɔpɛ adɔeɛ.+