Numeri 14:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 ‘Yehowa bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ+ dɔɔso, na ɔde mfomsoɔ ne mmarato firi,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.’+ Dwom 25:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Nkae me mmɔfraase bɔne ne me mmarato.+Kae me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ,+O Yehowa, wo papayɛ nti.+ Dwom 32:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɔdebɔneyɛfoɔ yea dɔɔso;+Na deɛ ɔde ne ho to Yehowa soɔ no deɛ, adɔeɛ nko ara na ɛtwa ne ho hyia.+ Dwom 41:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Me deɛ, mekaa sɛ: “O Yehowa, hu me mmɔbɔ.+Sa me kra yareɛ, na mayɛ wo bɔne.”+ Dwom 90:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ma w’adɔeɛ mmee yɛn anɔpa,+Na yɛatumi abɔ ose na yɛato ahurisi dwom yɛn nkwa nna nyinaa.+ Dwom 103:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Sɛdeɛ ɔsoro ware sene asase no,+Saa na n’adɔeɛ boro so ma wɔn a wɔsuro no.+
18 ‘Yehowa bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ+ dɔɔso, na ɔde mfomsoɔ ne mmarato firi,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.’+