17 “Onipa ba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ka kyerɛ nnomaa a wɔn ntakra gu ahodoɔ ne wuram mmoa nyinaa+ sɛ: “Mommoaboa mo ho ano mmra. Mommɛhyiam wɔ afɔdeɛ kɛseɛ a merebɔ ama mo wɔ Israel mmepɔ soɔ no ase.+ Na mobɛwe nam anom mogya.+
18 na mommɛdi ahemfo nam+ ne asahene nam ne ahoɔdenfoɔ+ nam ne apɔnkɔ+ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ no nam, ne obiara nam, adehyeɛ ne nkoa, nketewa ne akɛseɛ.”