Yeremia
7 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2 “Kɔgyina Yehowa fie pono no ano, na bɔ asɛm yi dawuro wɔ hɔ,+ na ka sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm, mo Yudafoɔ a mofa apono yi mu bɛkoto Yehowa nyinaa. 3 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Monyɛ mo akwan ne mo nneyɛɛ yie, na me nso mɛma moatena ha.+ 4 Monnnye nkontomposɛm+ nnni na monnka sɛ, ‘Yehowa asɔrefie, Yehowa asɔrefie, Yehowa asɔrefie nie!’ 5 Ɛfiri sɛ sɛ moyɛ mo akwan ne mo nneyɛɛ yie ampa, na mobu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntenenee,+ 6 na moanhyɛ ɔhɔhoɔ anaa agyanka anaa okunafoɔ so,+ na moanhwie mogya a ɛdi bem angu ha,+ na moankɔdi anyame foforɔ akyi amfa amanehunu amma mo so a,+ 7 ɛnneɛ me nso mɛma moatena ha, asase a mede maa mo agyanom sɛ wɔntena so mmerɛsanten nkɔsi daa no.”’”+
8 “Hwɛ, mo deɛ, mode mo ho ato nkontomposɛm so; ɛremmoa mo kwan biara so.+ 9 Mobɛbɔ korɔno,+ adi awu,+ asɛe awareɛ,+ akeka ntanhunu,+ ahye afɔrebɔdeɛ ama Baal,+ akɔdi anyame foforɔ a monnim wɔn akyi,+ 10 na moasan abɛgyina m’anim efie a me din+ da soɔ yi mu na akyiwadeɛ yi nyinaa akyi no moaka sɛ, ‘Gyeɛ deɛ, ɔbɛgye yɛn’? 11 Enti efie a me din+ da soɔ yi adane adwotwafoɔ atɛeɛ wɔ mo ani so?+ Hwɛ, me ara nso mahunu,” Yehowa asɛm nie.+
12 “‘Afei, monkɔ me tenabea a na ɛwɔ Silo,+ baabi a kane meyii sɛ me din ntena hɔ no,+ na monkɔhwɛ deɛ meyɛɛ hɔ, me man Israel bɔne a wɔyɛeɛ no nti.+ 13 Enti afei,’ Yehowa asɛm nie, ‘sɛ́ moakɔ so ayɛ yeinom nyinaa, na daa mekasa kyerɛɛ mo, na mesɔree anɔpahema+ ne mo kasaeɛ nanso moantie,+ na mefrɛɛ mo na moannye soɔ nti,+ 14 me nso, efie a me din+ da so a mode mo ho ato soɔ yi,+ ne tenabea a mede maa mo agyanom no, mɛyɛ no sɛdeɛ meyɛɛ Silo no ara.+ 15 Na mɛto mo afiri m’anim atwene,+ sɛdeɛ metoo mo nuanom Efraim+ asefoɔ no nyinaa guiɛ no.’
16 “Na wo deɛ, mmɔ mpaeɛ mma ɔman yi, na mma wo nne so nsu mfrɛ me mma wɔn; mmɔ mpaeɛ,+ na nkoto nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ merentie wo.+ 17 Deɛ wɔreyɛ no Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmɔnten soɔ no, wonhunuiɛ anaa?+ 18 Mma tase nnyina, na agyanom sɔ ano, ɔyerenom fete esiam, na wɔde yɛ afɔrebɔ paanoo ma ‘ɔsoro hemmaa’;+ wɔhwie afɔrebɔ nsã+ ma anyame foforɔ de hyɛ me abufuo.+ 19 ‘Ɛyɛ me na wɔhyɛ me abufuo anaa?’+ Yehowa asɛm nie. ‘Ɛnyɛ wɔn ara na wɔyɛ saa de gu wɔn anim aseɛ?’+ 20 Ɛno nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Wɔbɛhwie m’abufuo ne m’abufuhyeɛ agu ha+ yi ne adasamma ne afieboa ne wuram nnua+ ne asase so aba so; ɛbɛhye na ɛrennum.’+
21 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Momfa mo hyeɛ afɔrebɔdeɛ no nka mo ayɛyɛdeɛ ho, na monni nam.+ 22 Ɛfiri sɛ da a meyii mo agyanom firii Egypt asase soɔ no, manka ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne ayɛyɛdeɛ ho asɛm bi ankyerɛ wɔn, na mamfa ɛho ahyɛdeɛ bi amma wɔn. 23 Asɛm yi nko na mede yɛɛ ahyɛdeɛ too wɔn soɔ sɛ: “Montie me nne,+ na mɛyɛ mo Nyankopɔn+ na mo nso moayɛ me man; monnante akwan+ a mɛhyɛ sɛ momfa soɔ nyinaa so na asi mo yie.”’+ 24 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ asõ nso;+ wɔn ara wɔn afotuo ne wɔn akoma+ bɔne atuateɛ mu na wɔnanteeɛ, enti wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ wɔn anim;+ 25 wɔayɛ saa firi da a meyii mo agyanom firii Egypt asase so baeɛ no de bɛsi nnɛ.+ Mesomaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; mesɔre somaa wɔn da biara anɔpahema.+ 26 Nanso wɔantie me, wɔanyɛ asõ amma me,+ na wɔsenee wɔn kɔn.+ Wɔyɛɛ bɔne senee wɔn agyanom mpo!+
27 “Na wobɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ wɔn,+ nanso wɔrentie wo, wobɛfrɛ wɔn, nanso wɔrennye wo so.+ 28 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne ɔman a emufoɔ ntie Yehowa wɔn Nyankopɔn nne+ na wɔnnye ntenesoɔ no.+ Nokorɛdie ayera, na wɔatwa afiri wɔn anom.’+
29 “Monyi mo nwi a moagya no,+ na monto ngu, na montwa kwadwom+ nkokoɔ pradaa so, ɛfiri sɛ Yehowa apo mo,+ na ɔbɛgya awoɔ ntoatoasoɔ a ne bo afu wɔn no.+ 30 ‘Ɛfiri sɛ Yuda mma ayɛ m’ani so bɔne,’ Yehowa asɛm nie. ‘Wɔde wɔn akyiwadeɛ no akɔsisi fie a me din da soɔ no mu de agu ho fĩ.+ 31 Wɔasisi Tofet+ sorɔnsorɔmmea wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, de hye wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa egya mu;+ nanso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’akomam da.’+
32 “‘Enti hwɛ! nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom ba bɔn bio, na mmom wɔbɛfrɛ no okum bɔn,+ na wɔbɛsie nnipa wɔ Tofet hɔ ara ama wɔrennya baabi wɔ hɔ bio.+ 33 Na ɔman yi afunu bɛyɛ wiem nnomaa ne asase so mmoa aduane, na obiara renyi wɔn hu.+ 34 Na mɛma ahosɛpɛ nne, ahurisie nne, ayeforɔkunu ne ayeforɔ nne+ nso to atwa wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔnten so, ɛfiri sɛ asase no bɛdane amamfõ ara nko.’”+