19 Anyɛ saa a, mobɛma mo ani so ahwɛ soro ahunu awia ne bosome ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na ɛbɛgyegye mo ama moasom wɔn.+ Yeinom na Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa.+
17 mmom asɛm a afiri yɛn anom+ aba no ara na yɛbɛyɛ, na yɛbɛhye afɔrebɔdeɛ ama ‘ɔsoro hemmaa’+ na yɛahwie afɔrebɔ nsã+ ama no sɛdeɛ yɛn+ ne yɛn agyanom+ ne yɛn ahemfo+ ne yɛn mpanimfoɔ yɛɛ no Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔnten so berɛ a na yɛdidi mee na yɛn ho tɔ yɛn na yɛnhunu mmusuo biara no.+
42 Enti Onyankopɔn danee ne ho na ɔgyaa wɔn+ maa wɔsom ɔsoro asafo, sɛdeɛ wɔatwerɛ no adiyifoɔ no nwoma mu no sɛ,+ ‘O Israel fie, ɛyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me serɛ so mfeɛ aduanan no anaa?+