19 Anyɛ saa a, mobɛma mo ani so ahwɛ soro ahunu awia ne bosome ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na ɛbɛgyegye mo ama moasom wɔn.+ Yeinom na Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa.+
19 “Afei nso berɛ a yɛhyee afɔrebɔdeɛ maa ‘ɔsoro hemmaa,’+ na yɛhwiee afɔrebɔ nsã maa no no,+ yɛammisa yɛn kununom ansa na yɛreyɛ afɔrebɔ paanoo no sɛ ne honi, yɛammisa ansa na yɛrehwie afɔrebɔ nsã ama no anaa?”+