Yeremia
6 O Benyamin mma, mompɛ baabi nhunta, monnwane mfiri Yerusalem; monhyɛne abɛn+ wɔ Tekoa.+ Momfa egya ahyɛnsodeɛ nsi Bet-Hakerem,+ ɛfiri sɛ mmusuo firi atifi fam reba, ɔsɛeɛ kɛseɛ.+ 2 Sion babaa te sɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ a wɔagyegye ne so asɛe no.+ 3 Ne nkyɛn na nnwanhwɛfoɔ ne wɔn nnwankuo aba. Ne ho na wɔbɛsisi ntomadan ahyia,+ na obiara bɛdidi wɔ n’afã.+ 4 Wɔahyira ɔsa+ so atia no sɛ: “Monsɔre mma yɛmforo nkɔ ne so awia ketee!”+
“Yɛnnue, ɛfiri sɛ adekyeeɛ kɔ n’anim, na anwummerɛ sunsum mu atwe!”
5 “Monsɔre mma yɛmforo nkɔ ne so anadwo nkɔsɛe n’abankɛseɛ no.”+
6 Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Montwitwa nnua+ na monto Yerusalem ho akoban,+ na ɛyɛ kuro a ɛfata asotwe.+ Hwee nni ne mu sɛ nhyɛsoɔ nko.+ 7 Sɛdeɛ asubura ma emu nsuo yɛ nwunu no, saa na ɔma ne bɔne yɛ nwunu. Wɔte basabasayɛ ne afomfa nka wɔ ne mu;+ yareɛ ne ɔhaw na ɛwɔ m’anim daa. 8 O Yerusalem, ma wɔntene wo so,+ na anyɛ me kra tan amma mantwe me ho amfiri wo ho,+ na manyɛ wo amamfõ, asase a obiara nte soɔ.”+
9 Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Wɔbɛsesa Israel nkaeɛ akɔ sɛdeɛ wɔsesa bobe ase no.+ Ma wo nsa nni akɔneaba sɛ obi a ɔrete bobe afiri bobe dua soɔ.”
10 “Hwannom na menkasa nkyerɛ wɔn na memmɔ wɔn kɔkɔ mma wɔntie? Hwɛ! wɔntwaa wɔn aso twetia enti wɔntumi ntie.+ Hwɛ! Yehowa asɛm adane ahohoradeɛ wɔn ani so,+ enti wɔnni ho anigyeɛ bi.+ 11 Ɛno nti na Yehowa abufuhyeɛ ahyɛ me ma no. Makura mu abrɛ.”+
“Hwie gu abɔnten+ so abɔfra so ne mmeranteɛ adwabɔ so berɛ korɔ mu, na wɔbɛkyere ɔbarima ne ne yere nyinaa, ne akɔkoraa ne deɛ nna amee no.+ 12 Wɔn afie bɛyɛ afoforɔ dea, na wɔn nsase ne wɔn yerenom nso saa ara,+ ɛfiri sɛ mɛtene me nsa aka asase no sofoɔ,” Yehowa asɛm nie.+
13 “Ɛfiri wɔn mu kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, obiara pɛ mfaso bɔne;+ ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ so, wɔn nyinaa nni nokorɛ.+ 14 Wɔsa me man akuro biara biara,+ na wɔka sɛ, ‘Asomdwoeɛ wɔ hɔ! Asomdwoeɛ wɔ hɔ!’ berɛ a asomdwoeɛ biara nni hɔ.+ 15 Wɔn ani wuu sɛ wɔyɛɛ akyiwadeɛ anaa?+ Asɛm no ne sɛ, wɔn ani anwu koraa, na wɔnnim fɛreɛ nso.+ Ɛno nti, wɔbɛfra atɔfoɔ mu atotɔ,+ na ɛda a mɛba abɛbu wɔn atɛn no, wɔbɛsuntisunti,” Yehowa na aka.
16 Deɛ Yehowa aka nie: “Monkɔgyina akwan so na monhwɛ, na mommisa tete atempɔn no, deɛ seesei ɛkwan pa no wɔ,+ na momfa so,+ na monnya home mma mo kra.”+ Nanso wɔkaa sɛ: “Yɛremfa so.”+ 17 “Mede awɛmfoɔ+ sisii mo so sɛ, ‘Monyɛ aso ntie abɛn nnyegyeeɛ no!’”+ Nanso wɔkaa sɛ: “Yɛrenyɛ aso ntie.”+ 18 “Ɛno nti, amanaman, montie ɛ! Na asafo, monhunu deɛ ɛrebɛto wɔn. 19 Asase, yɛ aso ɛ! Hwɛ, mede amanehunu reba ɔman+ yi so sɛ wɔn nsusuiɛ so aba,+ ɛfiri sɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso, wɔpoeɛ.”+
20 “Ɛhyɛ a mode firi Saba+ ne demmire hwamhwam a mode firi akyirikyiri asase so reba yi, ɛdeɛn na ɛyɛ ma me? Mo hyeɛ afɔdeɛ nyɛ me fɛ,+ na mo ayɛyɛdeɛ nso nsɔ m’ani.”+ 21 Enti deɛ Yehowa aka nie: “Mede suntidua+ bɛto ɔman yi anim, na agyanom ne mma, ne ofipamfoɔ ne ne yɔnko nyinaa asuntisunti wɔ so, na wɔn nyinaa bɛsɛe.”+
22 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ! ɔman bi firi atifi asase so reba; wɔbɛhwanyan ɔman kɛseɛ bi afiri asase ano nohoa aba.+ 23 Wɔde agyan ne pea na ɛbɛba.+ Wɔn tirim yɛ den; wɔrenhu mmɔbɔ. Wɔn nne bɛgyegye sɛ ɛpo,+ na wɔbɛtenatena apɔnkɔ so.+ Wɔatwa ɛko mpasua sɛ ɔkofoni a ɔne wo rebɛko, O Sion babaa.”+
24 Yɛate ho asɛm. Yɛn nsam ago.+ Ahohia asɔ yɛn mu, awoko a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ deɛ.+ 25 Mommfiri adi nnkɔ afuo mu, monnkɔnante kwan so, ɛfiri sɛ ɔtamfo nkrantɛ wɔ hɔ, na ahudeɛ atwa yɛn ho ahyia.+ 26 O me man babaa, fira atweaatam,+ na munimuni wo ho wɔ nsõ mu.+ Di awerɛhoɔ sɛ obi a ɔretwa adwo di ne bakorɔ ho awerɛhoɔ,+ ɛfiri sɛ mpofirem na ɔsɛefoɔ no bɛba yɛn soɔ.+
27 “Mede wo asi hɔ sɛ sɔ dadeɛ hwɛ wɔ me man mu na hwehwɛ nneɛma mu yie, na wobɛhunu na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.+ 28 Wɔn nyinaa aso yɛ den dodo;+ wɔnenam sɛe nkurɔfoɔ din,+ wɔte sɛ kɔbere ne dadeɛ. Wɔn nyinaa asɛe.+ 29 Afa no ahye.+ Sumpii nko na wɔnya firi wɔn gya mu.+ Wɔayere wɔn ho anane no kwa, ɛfiri sɛ wɔnyii abɔnefoɔ mfirii wɔn mu.+ 30 Nnipa bɛfrɛ wɔn sɛ dwetɛ a wɔapoɔ,+ ɛfiri sɛ Yehowa apo wɔn.”+