8 Asɔfoɔ no mpo ammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he?’+ Wɔn a wɔkura mmara no nso, na wɔnni me.+ Nnwanhwɛfoɔ no nso buu me mmara so,+ na adiyifoɔ no hyɛɛ nkɔm wɔ Baal din mu,+ na wɔn a wɔamfa mfasoɔ biara ammrɛ wɔn na wɔdii wɔn akyi.+
18 Sɛ mekɔ afuo mu a, hwɛ, wɔn a wɔatotɔ nkrantɛ ano nie!+ Meba kuro mu nso a, hwɛ, nnipa a ɛkɔm abɔ wɔn yareɛ nie!+ Adiyifoɔ ne asɔfoɔ nyinaa akyinkyini kɔ asase a wɔnnim soɔ so.’”+
5 “Yei ne asɛm a Yehowa wɔ ma adiyifoɔ a wɔma me nkurɔfoɔ fom kwan,+ wɔn a wɔde wɔn sẽ keka+ na wɔteam ka sɛ, ‘Asomdwoeɛ,’+ adiyifoɔ a sɛ obi amfa biribi anhyɛ wɔn anom a, wɔhyira ɛko so ba ne soɔ no:+
11 Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn,+ na emu asɔfoɔ kyerɛkyerɛ gye akatua,+ na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm;+ nanso wɔde wɔn ho to Yehowa so ka sɛ: “Ɛnyɛ Yehowa na ɔwɔ yɛn mu yi?+ Mmusuo biara remma yɛn so.”+