14 Asɔfoɔ mpanimfoɔ+ ne ɔman no nyinaa nso maa wɔn mmarato dɔɔso bebree, na wɔyɛɛ akyiwadeɛ+ a amanaman no yɛeɛ no bi de guu Yehowa fie a wayɛ no kronkron wɔ Yerusalem no ho fĩ.+
11 Ná Israel fie mpanimfoɔ aduɔson+ a Safan+ ba Yaasania ka wɔn ho gyinagyina ɔfasuo no anim, na na obiara kura adeɛ a wɔde hye aduhwam a wisie hwamhwam firi mu reforo kɔ soro.+
39 Na berɛ a wɔkunkum wɔn mma maa wɔn abosom fĩ+ no wieeɛ no, wɔsan baa me kronkronbea hɔ saa da no bɛhuraa ho.+ Hwɛ, saa na wɔayɛ no me fie mfimfini pɛɛ.+