Yesaia 28:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yeinom nso, nsã ama wɔafom kwan, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem. Ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ+ nso, mmosã ama wɔafom kwan, nsã ama wɔn adwene atu afra, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem.+ Wɔafom kwan wɔ anisoadehunu mu, na wɔhinhim wɔ gyinaeɛsie mu. Yeremia 5:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ;+ asɔfoɔ no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfoɔ so.+ Me man nso pɛ no saa.+ Na awieeɛ no, mobɛyɛ dɛn?”+ Yeremia 6:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 “Ɛfiri wɔn mu kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, obiara pɛ mfaso bɔne;+ ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ so, wɔn nyinaa nni nokorɛ.+ Yeremia 8:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛno nti, mede wɔn yerenom bɛma mmarima foforɔ, na wɔn nsase ayɛ nnipa foforɔ dea,+ ɛfiri sɛ ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so, obiara pɛ mfaso bɔne;+ ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ so, wɔn nyinaa nni nokorɛ.+ Hesekiel 22:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 N’adiyifoɔ pam apammɔne wɔ hɔ,+ te sɛ gyata a ɔbobom tete hanam mu.+ Wɔmemene akra.+ Wɔfa ademudeɛ ne aboɔdenneɛ,+ na wɔma akunafoɔ dɔɔso wɔ hɔ.+ Sefania 3:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 N’adiyifoɔ yɛ dwɛɛ, na nkontompo ayɛ wɔn mã.+ N’asɔfoɔ agu akronkronneɛ ho fĩ, na wɔabu mmara no kɔn mu.+
7 Yeinom nso, nsã ama wɔafom kwan, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem. Ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ+ nso, mmosã ama wɔafom kwan, nsã ama wɔn adwene atu afra, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem.+ Wɔafom kwan wɔ anisoadehunu mu, na wɔhinhim wɔ gyinaeɛsie mu.
31 Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ;+ asɔfoɔ no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfoɔ so.+ Me man nso pɛ no saa.+ Na awieeɛ no, mobɛyɛ dɛn?”+
13 “Ɛfiri wɔn mu kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, obiara pɛ mfaso bɔne;+ ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ so, wɔn nyinaa nni nokorɛ.+
10 Ɛno nti, mede wɔn yerenom bɛma mmarima foforɔ, na wɔn nsase ayɛ nnipa foforɔ dea,+ ɛfiri sɛ ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so, obiara pɛ mfaso bɔne;+ ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ so, wɔn nyinaa nni nokorɛ.+
25 N’adiyifoɔ pam apammɔne wɔ hɔ,+ te sɛ gyata a ɔbobom tete hanam mu.+ Wɔmemene akra.+ Wɔfa ademudeɛ ne aboɔdenneɛ,+ na wɔma akunafoɔ dɔɔso wɔ hɔ.+
4 N’adiyifoɔ yɛ dwɛɛ, na nkontompo ayɛ wɔn mã.+ N’asɔfoɔ agu akronkronneɛ ho fĩ, na wɔabu mmara no kɔn mu.+