Yeremia
5 Monkyini Yerusalem mmorɔno so, na monhwɛ ɛ, na monhunu, na monhwehwɛ ne mmɔnten so nhwɛ, sɛ mobɛhunu onipa+ bi anaa; obi a ɔdi asɛntenenee+ na ɔhwehwɛ nokorɛ.+ Anka mede bɛfiri kuro no. 2 Sɛ wɔka sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ yi!” mpo a, ɛyɛ ntanhunu na wɔka.+
3 O Yehowa, ɛnyɛ nokorɛdie+ na w’ani hwɛ anaa? Woabobɔ wɔn,+ nanso ante wɔn.+ Wotɔree wɔn ase.+ Wɔpoo ntenesoɔ.+ Wɔmaa wɔn anim yɛɛ den senee ɔbotan.+ Wɔansan wɔn akyi.+ 4 Me ara mekaa sɛ: “Yeinom yɛ famfam nnipa. Wɔadi nkwaseasɛm, ɛfiri sɛ wɔabu wɔn ani agu Yehowa kwan ne wɔn Nyankopɔn atemmuo so.+ 5 Mɛsim akɔ atitire no nkyɛn na me ne wɔn akɔkasa;+ ebia wɔn deɛ, wɔahunu Yehowa kwan ne wɔn Nyankopɔn atemmuo.+ Nanso wɔn nyinaa abubu kɔndua no; wɔatete nhoma no mu.”+
6 Ɛno nti na kwaeɛ mu gyata ato ahyɛ wɔn soɔ, na serɛ so pataku asɛe wɔn,+ na ɔsebɔ atɛ wɔn nkuro ho no.+ Obiara a ɔfiri adi firi mu no, wɔbɛtete no asinasini ɛfiri sɛ wɔn amumuyɔ dɔɔso, na wɔn mmarato nni ano.+
7 Yei deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na mede afiri wo? Wo mma agya me, na wɔka deɛ ɛnyɛ+ Onyankopɔn ntam.+ Memaa wɔmeeɛ,+ nanso wɔsɛee awareɛ ara,+ na wɔboom yuu kɔɔ ɔbaa dwamanfoɔ fie. 8 Wɔte sɛ apɔnkɔ a wɔn ho asɔresɔre a wɔn hwewa ayeyerɛ. Wɔsu di wɔn yɔnko yere akyi.+
9 “Yeinom nti, merentua wɔn so ka anaa?” Yehowa asɛm nie.+ “Na me kra rentɔ werɛ ɔman a ɛte sei so anaa?”+
10 “Momforo ne bobe nturo na monsɛe no,+ nanso monntɔre aseɛ korakora.+ Mompempan ne mman foforɔ no, ɛfiri sɛ ɛnyɛ Yehowa dea.+ 11 Na nkontompo na Israel fie ne Yuda fie atwa me,” Yehowa asɛm nie.+ 12 “Wɔapo Yehowa na wɔka sɛ, ‘Ɔnni hɔ.+ Mmusuo bi remma yɛn so, na yɛrenhunu nkrantɛ anaa ɛkɔm nso.’+ 13 Na adiyifoɔ no adane mframa, na m’asɛm nni wɔn mu.+ Saa ara na ɛbɛto wɔn.”
14 Enti deɛ asafo Yehowa Nyankopɔn aka nie: “Yei a moaka nti, hwɛ, mɛma m’asɛm a ɛwɔ w’anom ayɛ egya,+ na ɔman yi adane nnyina na ahye wɔn.”+
15 “Hwɛ, mede ɔman bi firi akyirikyiri reba mo so,+ O Israel fie,” Yehowa asɛm nie. “Ɛyɛ ɔman a akyɛ,+ ɔman a ɛwɔ hɔ firi teteete; ɔman a monnim wɔn kasa, na monte deɛ wɔka no ase. 16 Wɔn agyan kotokuo te sɛ damena a wɔnkataa soɔ; wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.+ 17 Wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ ne w’aduane.+ Wɔbɛmemene wo mma mmarima ne wo mma mmaa. Wɔbɛdi wo nnwan ne w’anantwie. Wɔbɛdi wo bobe ne wo borɔdɔma nnua.+ Wɔde nkrantɛ bɛbubu wo nkuro a wɔabɔ ho ban a wode wo ho ato soɔ no.”
18 “Nanso saa nna no mu no,” Yehowa asɛm nie, “merensɛe mo pasaa.+ 19 Na ɛbɛba sɛ mobɛka sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa, yɛn Nyankopɔn ayɛ yɛn saa adeɛ yi nyinaa?’+ Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ moagya me akɔsom ananafoɔ nyame wɔ mo asase soɔ no, saa na mobɛsom ananafoɔ, asase a ɛnyɛ mo deɛ soɔ.’”+
20 Monka no Yakob fie, na mommɔ no dawuro wɔ Yuda, sɛ: 21 “Montie yei ɛ, ɔman nkwaseafoɔ a monni tire:+ Wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;+ wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm.+ 22 ‘Enti monsuro me anaa?’+ Yehowa asɛm nie, ‘anaasɛ me nti monni yea a emu yɛ den anaa?+ Me na mede anwea atwa po ano hyeɛ, deɛ ayɛ daa ahyɛdeɛ a ɛntumi ntra; na sɛ n’asorɔkye bɔ mpo a, ɛntumi no, na sɛ ɛhuru sɛ dɛn ara a, ɛntumi ntra.+ 23 Na ɔman yi anya asoɔden ne atuateɛ akoma; wɔamane, na wɔnam wɔn kwan so.+ 24 Wɔanka no wɔn akomam sɛ: “Afei deɛ, momma yɛnsuro Yehowa yɛn Nyankopɔn,+ deɛ ɔtɔ nsuo, na ɔma adonsuo ne asusɔ wɔ ne berɛ mu,+ deɛ ɔhwɛ twaberɛ adapɛn a wɔahyɛ no so ma yɛn no.”+ 25 Mo mfomsoɔ na ama moahwere nneɛma yi, na mo bɔne na ama nneɛma pa abɔ mo.+
26 “‘Ɛfiri sɛ wɔhunu abɔnefoɔ wɔ me man mu.+ Wɔtetɛ daa sɛdeɛ nnomaayifoɔ butubutuo.+ Wɔasum fidie a ɛsɛe adeɛ. Nnipa na wɔde yi wɔn. 27 Sɛdeɛ nnomaa dɔɔso wɔ buo mu no, saa na nnaadaa ayeyɛ wɔn afie amaama.+ Ɛno nti na wɔayeyɛ akɛseɛ na wɔanya wɔn ho no.+ 28 Wɔadodɔ sradeɛ,+ na wɔayɛ sɔɔsɔɔ. Nnebɔne nso ahyɛ wɔn ma abu so. Wɔnni obiara asɛm mma no;+ wɔnni agyanka+ mpo asɛm mma no na ama wɔadi yie.+ Ahiafoɔ nso, wɔmmu atɛn mma wɔn.’”
29 “Yeinom nti, merentua wɔn ka anaa?” Yehowa asɛm nie. “Na me kra rentɔ werɛ ɔman a ɛte sei so anaa?+ 30 Ahobodeɛ ne ahodwirideɛ na wɔde aba asase no soɔ:+ 31 Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ;+ asɔfoɔ no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfoɔ so.+ Me man nso pɛ no saa.+ Na awieeɛ no, mobɛyɛ dɛn?”+