Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Dwom 78:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  8 Na wɔrenyɛ sɛ wɔn agyanom,+

      Awoɔ ntoatoasoɔ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ no,+

      Awoɔ ntoatoasoɔ a wɔansiesie wɔn akoma+

      Na wɔn honhom anni Onyankopɔn nokorɛ no.+

  • Dwom 81:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Enti megyaa wɔn sɛ wɔnni wɔn akomaden no akyi;+

      Wɔnantee wɔn ara wɔn agyinatuo mu.+

  • Dwom 95:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me aniwu mfeɛ aduanan,+

      Na mekaa sɛ:

      “Wɔyɛ ɔman a wɔayera wɔn akomam,+

      Na wɔnhunuu m’akwan”;+

  • Yesaia 1:23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 23 W’atumfoɔ asene wɔn kɔn na wɔne akorɔmfoɔ na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmudeɛ,+ na wɔtĩ akyɛdeɛ.+ Wɔnni agyanka asɛm mma no, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.+

  • Yesaia 65:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 “Matrɛ me nsam da mũ nyinaa ama ɔman asoɔdenfoɔ,+ wɔn a wɔnam kwammɔne soɔ,+ wɔn a wɔdi wɔn nsusuiɛ akyire;+

  • Yeremia 3:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Saa berɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ Yehowa ahennwa,+ na ɛhɔ na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano abɛhyia+ ama Yehowa din wɔ Yerusalem,+ na wɔrenni wɔn atuateɛ akoma bɔne no akyi bio.”+

  • Yeremia 11:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ mmom obiara nantee n’akoma+ bɔne atuateɛ mu. Ɛno nti, mede apam yi mu nsɛm, nsɛm a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnni so a wɔanni soɔ no nyinaa baa wɔn so.’”

  • Yeremia 18:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Na wɔkaa sɛ: “Mfasoɔ biara nni so!+ Yɛn ara yɛn nsusuiɛ mu na yɛbɛnanteɛ, na obiara bɛyɛ n’akoma bɔne atuateɛ so adeɛ.”+

  • Hosea 11:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Me man nni me nokorɛ.+ Sɛ wɔfrɛ wɔn ɔsorosoroni no nkyɛn a, wɔn mu biara nsɔre mpo.

  • Asomafoɔ Nnwuma 7:51
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 51 “Nnipa a moasene mo kɔn na moyɛ akoma ne aso mu momonotofoɔ,+ berɛ nyinaa moko tia honhom kronkron no; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane