32 Afei ɔkaa sɛ: “Mesrɛ sɛ mma Yehowa bo mmfu+ me, na ma menka deɛ ɛtwa toɔ yi:+ Fa no sɛ nnipa du na wɔwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Edu no nti merensɛe no.”+
2 Ɔnokwafoɔ ayera afiri asase so, na adasamma mu deɛ ɔtene biara nni hɔ.+ Wɔn nyinaa kɔtɛ sɛ wɔbɛhwie mogya aguo.+ Obiara kura asau a ɔrehwehwɛ ne nua ayi no.+