2 “Sɛ ɛba sɛ obi de biribi ma ne yɔnko sɛ ɔnhwɛ so anaasɛ ne biribi bɛdi ne nsam+ na wanni mu nokorɛ,+ anaa ɔbɔ no korɔno anaasɛ ɔfa kwan bi so sisi no+ a, saa ɔkra no ayɛ bɔne na wanni Yehowa nokorɛ.+
23 W’atumfoɔ asene wɔn kɔn na wɔne akorɔmfoɔ na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmudeɛ,+ na wɔtĩ akyɛdeɛ.+ Wɔnni agyanka asɛm mma no, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.+
12 O Dawid fie,+ deɛ Yehowa aka nie: “Anɔpa biara+ mommu atɛntenenee+ na monnye deɛ wɔresisi no mfiri osisifoɔ nsam,+ na m’abufuo amfiri adi sɛ egya+ ammɛhye a obi ntumi nnum no, mo nneyɛɛ bɔne nti.”’+