21 Ɛnna Elia twe baa ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: “Da bɛn na mobɛhinhim nsɛm mmienu ntam akɔsie?+ Sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn a, monni n’akyi,+ na sɛ Baal nso a, monni n’akyi.” Na ɔman no amma no mmuaeɛ biara.
5 Na ananafoɔ anyame no asɔfoɔ a Yuda ahemfo de wɔn sisii hɔ sɛ wɔnhye afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ wɔ Yuda nkuro mu ne mmeaeɛ a ɛbembɛn Yerusalem no, ɔguu wɔn adwuma no; wɔn a na wɔhye afɔrebɔdeɛ ma Baal+ ne awia ne bosome ne sodiak nsorommakuo ne ɔsoro asafo+ nyinaa nso, ɔguu wɔn adwuma no.
13 Sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, saa na w’anyame dodoɔ teɛ, O Yuda,+ na sɛdeɛ Yerusalem mmorɔno dodoɔ teɛ no, saa na moasisi afɔrebukyia ama aniwudeɛ,+ afɔrebukyia a mohye so afɔrebɔdeɛ ma Baal no.’+