Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.
14 Onipa a ɔnni adwene ka n’akomam sɛ:
“Yehowa biara nni hɔ.”+
Wɔadi asɛmmɔne,+ wɔayɛ akyiwadeɛ.
Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa.+
2 Yehowa deɛ, ɔfiri soro hwɛ nnipa mma,+
Sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔwɔ nhunumu anaa, obi a ɔhwehwɛ Yehowa.+
3 Wɔn nyinaa amane,+ wɔn nyinaa aporɔ;+
Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa,+
Ɔbaako mpo nni hɔ.+
4 Amumuyɔfoɔ no biara nni nimdeɛ+ anaa,
Enti na wɔmemene me man sɛdeɛ wɔdi aduane yi?+
Wɔmfrɛ Yehowa mpo.+
5 Ɛhɔ na ehu kɛseɛ bɛka wɔn,+
Ɛfiri sɛ Yehowa wɔ ateneneefoɔ abusua mu.+
6 Mogu mmɔborɔni anim ase wɔ ne tirimbɔ ho,
Ɛsiane sɛ Yehowa yɛ ne dwankɔbea+ nti.
7 O sɛ Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba ɛ!+
Sɛ Yehowa san boaboa ne man ano firi nkoasom mu ba a,+
Ɛnneɛ ma Yakob ani nnye na Israel nni ahurisie.+