Dwom Dawid dwom. 15 O Yehowa, hwan na ɔbɛsoɛ wo ntomadan+ mu?Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron no soɔ?+ 2 Deɛ ɔnante nokorɛdie mu+ na ɔyɛ adetenenee,+Na ɔka nokwasɛm n’akomam.+ 3 Ɔmfa ne kɛtrɛma nsɛe nkurɔfoɔ din.+Ɔnyɛ ne yɔnko bɔne,+Na ne mfɛfoɔ nso, ɔmmɔ wɔn ahohora.+ 4 Ɔmmu nipa huhuni hwee n’ani so,+Na wɔn a wɔsuro Yehowa deɛ, ɔdi wɔn ni.+Sɛ ɔka ntam na ɛtia no mpo a, ɔnsesa n’ano.+ 5 Ɔmfa ne sika mma nnye nsiho,+Na ɔnnye deɛ ne ho nni asɛm nkyɛn adanmudeɛ.+Deɛ ɔyɛ yeinom nyinaa no, ɔrenhinhim da biara da.+