11 Wɔyɛ nkraman adufudepɛfoɔ;+ wɔnnim ɔmeeɛ.+ Na wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nhunumu.+ Wɔn nyinaa afa wɔn ara wɔn kwan so, na obiara pɛ mfaso bɔne wɔ ɔno ara n’asase so:+
31 Na wɔbɛba wo nkyɛn yuu abɛtenatena w’anim te sɛ me man;+ na wɔbɛte wo nsɛm, nanso wɔrenni so,+ ɛfiri sɛ akɔnnɔ bɔne ahyɛ wɔn anom mã, na wɔn akoma di mfaso bɔne akyi.+
11 Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn,+ na emu asɔfoɔ kyerɛkyerɛ gye akatua,+ na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm;+ nanso wɔde wɔn ho to Yehowa so ka sɛ: “Ɛnyɛ Yehowa na ɔwɔ yɛn mu yi?+ Mmusuo biara remma yɛn so.”+