13 Na Yehowa ka sɛ: “Ɛsiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me, na wɔde wɔn anofafa+ na ɛhyɛ me animuonyam, na wɔn akoma atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri,+ na wɔgyina ahyɛdeɛ a nnipa akyerɛ wɔn+ so na ɛsuro me nti,
16 Deɛ Yehowa aka nie: “Monkɔgyina akwan so na monhwɛ, na mommisa tete atempɔn no, deɛ seesei ɛkwan pa no wɔ,+ na momfa so,+ na monnya home mma mo kra.”+ Nanso wɔkaa sɛ: “Yɛremfa so.”+
17 mmom asɛm a afiri yɛn anom+ aba no ara na yɛbɛyɛ, na yɛbɛhye afɔrebɔdeɛ ama ‘ɔsoro hemmaa’+ na yɛahwie afɔrebɔ nsã+ ama no sɛdeɛ yɛn+ ne yɛn agyanom+ ne yɛn ahemfo+ ne yɛn mpanimfoɔ yɛɛ no Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔnten so berɛ a na yɛdidi mee na yɛn ho tɔ yɛn na yɛnhunu mmusuo biara no.+
49 Nanso, deɛ ɔte me nsɛm na ɔnyɛ no,+ ɔte sɛ ɔbarima bi a ɔsii ne dan sii asase so a wanto fapem. Na nsuo yiri bɛbɔɔ no, na ɛbubuu ntɛm ara, na saa dan no sɛee+ koraa.”+