Leviticus 26:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 “‘Berɛ a mowɔ mo atamfo man mu a mo asase da mpan no, asase no bɛhome de ate ne ka nyinaa. Saa berɛ no asase no bɛhome na ahome deɛ ɛkaa mu nyinaa.+ Yeremia 2:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Agyata bobom+ na wɔpɔ so gu ne so.+ Wɔama n’asase ayɛ ahodwirideɛ. Wɔahyehye ne nkuro, na obi nte mu.+ Yeremia 9:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Mɛma Yerusalem adane aboɔ kuo,+ sakraman tenabea,+ na mɛdane Yuda nkuro amamfõ a obi ntena mu.+
34 “‘Berɛ a mowɔ mo atamfo man mu a mo asase da mpan no, asase no bɛhome de ate ne ka nyinaa. Saa berɛ no asase no bɛhome na ahome deɛ ɛkaa mu nyinaa.+
15 Agyata bobom+ na wɔpɔ so gu ne so.+ Wɔama n’asase ayɛ ahodwirideɛ. Wɔahyehye ne nkuro, na obi nte mu.+