Yeremia 4:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Deɛ ɔrebɛsɛe amanaman+ no atu reba;+ wafiri adi sɛ gyata a ɔfiri dɔtɔ mu reba, na watu afiri ne tenabea sɛ ɔrebɛyɛ w’asase ahodwirideɛ, na wasɛe wo nkuro pasaa na obi antena mu bio.+ Yeremia 9:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Mɛma Yerusalem adane aboɔ kuo,+ sakraman tenabea,+ na mɛdane Yuda nkuro amamfõ a obi ntena mu.+ Sefania 3:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 “Mesɛee aman, na wɔn ntwea so aban yɛɛ pasaa. Mesɛee wɔn atempɔn, na obiara amfa so. Wɔn nkuro danee amamfõ; na obiara nni mu, na obiara nte hɔ.+
7 Deɛ ɔrebɛsɛe amanaman+ no atu reba;+ wafiri adi sɛ gyata a ɔfiri dɔtɔ mu reba, na watu afiri ne tenabea sɛ ɔrebɛyɛ w’asase ahodwirideɛ, na wasɛe wo nkuro pasaa na obi antena mu bio.+
6 “Mesɛee aman, na wɔn ntwea so aban yɛɛ pasaa. Mesɛee wɔn atempɔn, na obiara amfa so. Wɔn nkuro danee amamfõ; na obiara nni mu, na obiara nte hɔ.+