Yesaia 1:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Mo asase adane amamfõ,+ na wɔde gya ahye mo nkuro.+ Ahɔhoɔ+ redi mo asase so aba+ wɔ mo anim pɛɛ, na asase no asɛe sɛ deɛ ahɔhoɔ abutu no.+ Yesaia 5:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Asafo Yehowa aka ntam agu m’asom sɛ afie akɛseɛ fɛfɛ pii bɛsɛe, na obiara rentena mu.+ Yesaia 6:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɛnna mebisaa sɛ: “O Yehowa, ɛnkɔsi da bɛn?”+ Na ɔbuaa sɛ: “Ɛnkɔsi sɛ kuro yi bɛsɛe na adane amamfõ, na afie ada mpan a ɔdasani biara nni mu, na asase no asɛe koraa,+ Yeremia 2:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Agyata bobom+ na wɔpɔ so gu ne so.+ Wɔama n’asase ayɛ ahodwirideɛ. Wɔahyehye ne nkuro, na obi nte mu.+ Yeremia 9:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Mɛma Yerusalem adane aboɔ kuo,+ sakraman tenabea,+ na mɛdane Yuda nkuro amamfõ a obi ntena mu.+
7 Mo asase adane amamfõ,+ na wɔde gya ahye mo nkuro.+ Ahɔhoɔ+ redi mo asase so aba+ wɔ mo anim pɛɛ, na asase no asɛe sɛ deɛ ahɔhoɔ abutu no.+
11 Ɛnna mebisaa sɛ: “O Yehowa, ɛnkɔsi da bɛn?”+ Na ɔbuaa sɛ: “Ɛnkɔsi sɛ kuro yi bɛsɛe na adane amamfõ, na afie ada mpan a ɔdasani biara nni mu, na asase no asɛe koraa,+
15 Agyata bobom+ na wɔpɔ so gu ne so.+ Wɔama n’asase ayɛ ahodwirideɛ. Wɔahyehye ne nkuro, na obi nte mu.+