2 Berɛsosɛm 36:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Yei maa Yehowa asɛm a ɔde hyɛɛ Yeremia anom no baa mu+ kɔsii sɛ asase no tuaa ne home nna ho ka wieeɛ.+ Nna dodoɔ a ɛyɛɛ amamfõ no, ɛhomee ara kɔsii sɛ mfeɛ aduɔson duruiɛ.+ Yesaia 1:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Mo asase adane amamfõ,+ na wɔde gya ahye mo nkuro.+ Ahɔhoɔ+ redi mo asase so aba+ wɔ mo anim pɛɛ, na asase no asɛe sɛ deɛ ahɔhoɔ abutu no.+ Yesaia 3:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Kuro no ano pono bɛsu adi awerɛhoɔ,+ na ɛbɛda mpan. Ɔbɛtena fam tim.”+ Yesaia 24:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Hwɛ, Yehowa resɛe asase no ama no ada mpan.+ Wadane asase no ani abutu+ ama ɛsofoɔ ahwete.+
21 Yei maa Yehowa asɛm a ɔde hyɛɛ Yeremia anom no baa mu+ kɔsii sɛ asase no tuaa ne home nna ho ka wieeɛ.+ Nna dodoɔ a ɛyɛɛ amamfõ no, ɛhomee ara kɔsii sɛ mfeɛ aduɔson duruiɛ.+
7 Mo asase adane amamfõ,+ na wɔde gya ahye mo nkuro.+ Ahɔhoɔ+ redi mo asase so aba+ wɔ mo anim pɛɛ, na asase no asɛe sɛ deɛ ahɔhoɔ abutu no.+