Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 28:63
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 63 “Afei sɛdeɛ Yehowa ani gyee sɛ ɔbɛyɛ mo papa na wama moadɔre no,+ saa ara na Yehowa ani bɛgye sɛ ɔbɛsɛe mo atɔre mo aseɛ.+ Na ɔbɛtwa mo afiri asase a morekɔ soɔ no so.+

  • Yesaia 1:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Mo asase adane amamfõ,+ na wɔde gya ahye mo nkuro.+ Ahɔhoɔ+ redi mo asase so aba+ wɔ mo anim pɛɛ, na asase no asɛe sɛ deɛ ahɔhoɔ abutu no.+

  • Yesaia 5:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Afei momma menkyerɛ mo deɛ merebɛyɛ me bobeturo no: Mɛtutu ɛho ban+ na wɔahye no.+ Na mɛbubu ne boɔ fasuo no na wɔatiatia so.+

  • Yeremia 4:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Momma ahyɛnsodeɛ so nkyerɛ Sion fam. Mompɛ baabi nhunta. Monnnyina hɔ.” Ɛfiri sɛ mede amanehunu firi atifi+ fam reba, ɔsɛeɛ kɛseɛ.

  • Hesekiel 6:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Nkuro a motete mu+ nyinaa bɛsɛe pasaa,+ mo sorɔnsorɔmmea bɛdane amamfõ na ada mpan,+ mo afɔrebukyia bɛsi hɔ kwa na abubu,+ mo abosom fĩ bɛyera,+ wɔbɛtwitwa mo aduhwam adeɛ agu+ na wɔapepa mo nsa ano adwuma nyinaa.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane