Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yeremia 1:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Atifi fam na wɔbɛfiri ahwie amanehunu no agu asase no so nnipa nyinaa soɔ.+ 

  • Yeremia 6:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 O Benyamin mma, mompɛ baabi nhunta, monnwane mfiri Yerusalem; monhyɛne abɛn+ wɔ Tekoa.+ Momfa egya ahyɛnsodeɛ nsi Bet-Hakerem,+ ɛfiri sɛ mmusuo firi atifi fam reba, ɔsɛeɛ kɛseɛ.+

  • Yeremia 21:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 “‘“Ɛno akyi no,” Yehowa asɛm nie, “Yuda hene Sedekia ne ne nkoa ne ɔmanfoɔ no ne kuro yi mu nnipa a owuyareɛ ne nkrantɛ ne ɛkɔm no ankunkum wɔn no, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar nsa, ne wɔn atamfo nsa, ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no nsa, na ɔde nkrantɛ bɛkunkum wɔn.+ Wɔn asɛm renyɛ no awerɛho, ne yam renhyehye no mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ+ nso.”’

  • Yeremia 25:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 hwɛ, meresoma ama wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa aba,”+ Yehowa asɛm nie, “na mɛma Babilon hene Nebukadresar, m’akoa no aba.+ Mɛma wɔaba asase yi+ ne emu nnipa ne aman a atwa ho ahyia no nyinaa so;+ mɛsɛe wɔn na mama wɔayɛ ahodwirideɛ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma+ ne amamfõ de akɔsi daa.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane