17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no baeɛ, na ɔhene bisabisaa no nsɛm wɔ ɔhene fie ahuntaeɛ mu.+ Na ɔbisaa no sɛ: “Asɛm bi a ɛfiri Yehowa nkyɛn wɔ hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kaa sɛ: “Aane, asɛm wɔ hɔ!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+
5 Ɛnna Kaldeafoɔ asraafoɔdɔm no tĩĩ wɔn+ na wɔkɔkyee Sedekia wɔ Yeriko+ asasetamaa no so. Na wɔfaa no de no kɔmaa Babilon hene Nebukadresar wɔ Ribla,+ Hamat+ asase so sɛ ɔmmu no atɛn.+