“Hwɛ! Nsuo firi atifi+ fam reba,+ na ayiri rebu fa so. Ɛbɛyiri afa asase no ne deɛ ahyɛ no mã, kuro no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.+ Nnipa bɛteateam, na wɔn a wɔtete mu nyinaa bɛtwa adwo.+
9 Na merehwanyan aman akɛseɛ asafo afiri atifi fam aba Babilon so,+ na wɔbɛhyehyɛ wɔn ho aba ne so.+ Wɔbɛfiri hɔ adi ne so nkonim.+ Wɔn agyan te sɛ dɔmmarima deɛ; wɔn na wɔma nkurɔfoɔ hwere wɔn mma na wɔnkɔ mfa nsapan mma.+