Yeremia
7 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2 “Kɔgyina Yehowa fie pono no ano, na bɔ asɛm yi dawuro wɔ hɔ sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm, mo Yudafoɔ a mofa apono yi mu bɛkoto Yehowa nyinaa. 3 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Monsesa mo akwan ne mo nneyɛɛ, na mɛma moakɔ so atena ha.+ 4 Monnnye nkontomposɛm nnni na monnka sɛ, ‘Wei* ne Yehowa asɔrefie, Yehowa asɔrefie, Yehowa asɔrefie!’+ 5 Na sɛ mosesa mo akwan ne mo nneyɛɛ ampa, na mobu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntenenee,+ 6 na sɛ moanhyɛ hɔhoɔ ne agyanka ne okunafoɔ so,+ na moanhwie mogya a ɛdi bem angu wɔ ha, na sɛ moankɔdi anyame foforɔ akyi amfa amanehunu amma mo so a,+ 7 ɛnneɛ mɛma moakɔ so atena ha, asaase a mede maa mo agyanom sɛ wɔntena so afebɔɔ* no.”’”
8 “Nanso mode mo ho ato nkontomposɛm so;+ ɛremmoa mo kwan biara so. 9 Mogye di sɛ mobɛtumi abɔ korɔno,+ adi awu, asɛe awareɛ, akeka ntam hunu,+ abɔ afɔreɛ* ama Baal,+ akɔdi anyame a monnim wɔn akyi, 10 na moyɛ akyiwadeɛ yi nyinaa wie a, moasan abɛgyina m’anim wɔ efie a me din da so yi mu aka sɛ, ‘Wɔbɛgye yɛn nkwa’? 11 Enti efie a me din da so yi na moafa no sɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfoɔ tetɛ yi?+ Hwɛ, me ankasa mahunu,” Yehowa asɛm nie.
12 “‘Afei, monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo,+ baabi a medii kan maa me din tenaa hɔ no,+ na monkɔhwɛ deɛ me man Israel bɔne a wɔyɛeɛ no nti meyɛɛ hɔ.+ 13 Nanso mokɔɔ so yɛɛ weinom nyinaa,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mekasa kyerɛɛ mo mprɛ pii,* nanso moantie.+ Mekɔɔ so frɛɛ mo, nanso moannye so.+ 14 Enti sɛdeɛ meyɛɛ Silo no,+ saa ara na mɛyɛ efie a me din da so+ a mode mo ho ato so yi,+ na saa ara nso na mɛyɛ tenabea yi a mede maa mo ne mo agyanom no. 15 Mɛto mo afiri m’anim agu, sɛdeɛ metoo mo nuanom nyinaa, Efraim asefoɔ nyinaa guiɛ no.’+
16 “Na wo deɛ, mmɔ mpaeɛ mma ɔman yi. Nsu mfrɛ me mma wɔn, mmɔ mpaeɛ mma wɔn,+ na nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ merentie wo.+ 17 Deɛ wɔreyɛ wɔ Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmɔnten so no, wonhunui anaa? 18 Mma boaboa anyina ano, na agyanom sɔ egya no, ɔyerenom fete esiam, na wɔde yɛ afɔrebɔ keeki ma Ɔsoro Hemmaa,*+ na wɔhwie afɔrebɔ nsã ma anyame foforɔ de hyɛ me abufuo.+ 19 ‘Ɛyɛ me na wɔhyɛ me abufuo* anaa?’ Yehowa asɛm nie. ‘Ɛnyɛ wɔn ara na wɔyɛ saa de gu wɔn anim ase?’+ 20 Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Wɔbɛhwie m’abufuo ne m’abufuhyeɛ agu ha,+ na wɔbɛhwie agu nnipa ne mmoa ne wuram nnua ne asaase so aba so; ɛbɛhye na ɛrennum.’+
21 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Monkɔ so, momfa mo hyeɛ afɔreɛ nka mo afɔreɛ a aka no ho, na mo ara monwe nam no.+ 22 Ɛfiri sɛ da a meyii mo agyanom firii Egypt asaase so no, manka ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔreɛ ahodoɔ ho asɛm ankyerɛ wɔn, na mamfa ɛho ahyɛdeɛ biara amma wɔn.+ 23 Na mmom ahyɛdeɛ yi na mede maa wɔn: “Montie me nne, na mɛyɛ mo Nyankopɔn, na mo nso moayɛ me man.+ Monnante akwan a mɛhyɛ sɛ momfa so nyinaa so, na asi mo yie.”’+ 24 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso;+ mmom wɔdii wɔn ankasa adwemmɔne* akyi yɛɛ asoɔden dii wɔn akoma bɔne akyi.+ Enti wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ wɔn anim; 25 wɔayɛ saa firi da a mo agyanom firii Egypt asaase so baeɛ no de bɛsi nnɛ.+ Enti mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; daa na mesoma wɔn ba mo nkyɛn mprɛ pii.*+ 26 Nanso wɔantie me; wɔanyɛ aso amma me.+ Mmom wɔyɛɛ asoɔden,* na wɔyɛɛ bɔne senee wɔn agyanom mpo!
27 “Wobɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ wɔn,+ nanso wɔrentie wo; wobɛfrɛ wɔn, nanso wɔrennye wo so. 28 Na wobɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Wei ne ɔman a emufoɔ ntie Yehowa wɔn Nyankopɔn asɛm na wɔnnye ntenesoɔ no. Nokorɛdie ayera, na wɔnka ho asɛm mpo wɔ wɔn mu.’*+
29 “Yi wo tiri nwi a woagya* no, na to gu, na ma awerɛhoɔ dwom* so wɔ nkokoɔ a ɛso ayɛ kwabokwabo so, ɛfiri sɛ Yehowa apo saa awoɔ ntoatoasoɔ a wɔahyɛ no abufuo yi, na ɔbɛgya wɔn hɔ. 30 ‘Ɛfiri sɛ Yudafoɔ ayɛ bɔne wɔ m’ani so,’ Yehowa asɛm nie. ‘Wɔde wɔn abosom fĩ no akɔsisi efie a me din da so no mu de agu ho fĩ.+ 31 Wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea* wɔ Hinom Ba Bɔn*+ no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhye wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa wɔ egya mu.+ Nanso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’akomam mpo da.’*+
32 “‘Enti hwɛ! nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom Ba Bɔn* bio, na mmom wɔbɛfrɛ no Okum Bɔn. Wɔbɛsie nnipa wɔ Tofet akɔsi sɛ wɔrennya baabi nsie obiara bio.+ 33 Na ɔman yi afunu bɛyɛ wiem nnomaa ne asaase so mmoa aduane, na obiara nni hɔ a ɔbɛpamo wɔn.+ 34 Na mɛma ahurisie nnyegyeeɛ ne osebɔ nnyegyeeɛ, ne ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne agyae+ wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔnten so, ɛfiri sɛ asaase no bɛdane amamfo.’”+