17 Wɔantie,+ na wɔankae anwanwadeɛ a woyɛɛ no wɔn mu no. Mmom no, wɔyɛɛ asoɔden na wɔyii obi sɛ ɔnni wɔn anim nsan nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Egypt.+ Nanso woyɛ Onyankopɔn a woyi wo yam de bɔne kyɛ, wowɔ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu, wo bo mfu ntɛm, wo dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano,+ enti woampo wɔn.+