5 Mmom baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato ama no ayɛ ne tenabea wɔ mmusuakuo no nyinaa mu no, ɛhɔ na momfa mo ani nkyerɛ, na ɛhɔ na monkɔ.+
11 Baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no,+ ɛhɔ na momfa deɛ maka ho asɛm yi nyinaa nkɔ: Mo hyeɛ afɔreɛ, mmoa a mobɛkum wɔn abɔ afɔreɛ foforɔ, mo ntotosoɔ du du,*+ mo ntoboa, ne biribiara a moahyɛ bɔ sɛ mode bɛma Yehowa.