22 Na bɔne a Yeroboam yɛeɛ no, ɛno ara bi na Israelfoɔ nso yɛeɛ.+ Wɔantwe wɔn ho amfiri ho, 23 kɔsii sɛ Yehowa poo Israel, sɛdeɛ ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa so kaeɛ no.+ Enti wɔtuu Israelfoɔ firii wɔn asaase so kɔɔ Asiria,+ na wɔatena hɔ de abɛsi nnɛ.