-
Deuteronomium 12:29-31Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
29 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn tu aman a worekɔ so no,+ na wokɔtena wɔn asaase so a, 30 hwɛ yie na sɛ ɔsɛe wɔn wie a, biribiara ansum wo fidie amma woankɔdi wɔn akyi. Nkɔbisa wɔn anyame ho asɛm sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na aman yi faa so som wɔn anyame? Ma me nso menyɛ saa.’+ 31 Nyɛ biribi a ɛte saa wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ deɛ Yehowa wo Nyankopɔn kyiri na ɛyɛ no tan nyinaa na wɔyɛ ma wɔn anyame. Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa mpo bɔ afɔreɛ wɔ gya mu ma wɔn anyame.+
-