3 “Ɛfiri Amon ba Yosia,+ Yuda hene no ahennie afe a ɛtɔ so 13 so de bɛsi nnɛ da yi, mfeɛ 23 yi mu, Yehowa asɛm baa me nkyɛn, na mekɔɔ so kasa kyerɛɛ mo mprɛ pii, nanso moantie.+ 4 Na Yehowa somaa ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn. Ɔsomaa wɔn mprɛ pii, nanso moantie, na moanyɛ aso antie.+