Nehemia 9:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden+ na wɔtee w’anim atua,+ na wo mmara nso wɔto twenee wɔn akyi,+ na w’adiyifoɔ a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no,+ wɔkunkum wɔn,+ na wɔbuu wo animtia kɛse.+ Yesaia 1:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Nnebɔneyɛfoɔ man,+ due, ɔman a bɔne adondɔn no, bɔne asefoɔ,+ mma a wɔasɛeɛ!+ Wɔagya Yehowa,+ wɔabu Israel Kronkronni no animtia,+ wɔasan wɔn akyi.+ Yeremia 32:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Wɔn akyi na wɔdane maa me, na ɛnyɛ wɔn anim.+ Mekyerɛkyerɛɛ wɔn; mesɔree anɔpahema kyerɛkyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antie ntenesoɔ.+
26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden+ na wɔtee w’anim atua,+ na wo mmara nso wɔto twenee wɔn akyi,+ na w’adiyifoɔ a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no,+ wɔkunkum wɔn,+ na wɔbuu wo animtia kɛse.+
4 Nnebɔneyɛfoɔ man,+ due, ɔman a bɔne adondɔn no, bɔne asefoɔ,+ mma a wɔasɛeɛ!+ Wɔagya Yehowa,+ wɔabu Israel Kronkronni no animtia,+ wɔasan wɔn akyi.+
33 Wɔn akyi na wɔdane maa me, na ɛnyɛ wɔn anim.+ Mekyerɛkyerɛɛ wɔn; mesɔree anɔpahema kyerɛkyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antie ntenesoɔ.+