16 Nanso wɔkɔɔ so goroo+ nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+
13 Enti afei,’ Yehowa asɛm nie, ‘sɛ́ moakɔ so ayɛ yeinom nyinaa, na daa mekasa kyerɛɛ mo, na mesɔree anɔpahema+ ne mo kasaeɛ nanso moantie,+ na mefrɛɛ mo na moannye soɔ nti,+
3 “Ɛfiri Amon ba Yosia,+ Yuda hene no afe a ɛtɔ so dumiɛnsa so de bɛsi ɛnnɛ da yi, mfeɛ aduonu mmiɛnsa yi mu, Yehowa asɛm baa me nkyɛn, na mesɔree anɔpahema ne mo kasaeɛ; mekasaeɛ, nanso moantie.+
15 Mesomaa me nkoa adiyifoɔ+ no nyinaa baa mo nkyɛn daa; mesɔree anɔpahema somaa wɔn sɛ, ‘Obiara nsan mfiri ne kwammɔne so+ na momma mo nneyɛɛ nyɛ yie,+ na monnkɔdi anyame foforɔ akyi nnsom wɔn.+ Na montena asase a mede maa mo agyanom no so daa.’+ Nanso moammrɛ mo aso ase, na moantie me.+