Yeremia
35 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no nna no mu nie: 2 “Kɔ Rekabfoɔ+ no fie, na wo ne wɔn nkɔkasa na fa wɔn bra Yehowa fie adidibea no baako mu, na ma wɔn nsã nnom.”
3 Ɛnna mefaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne mma mmarima nyinaa ne Rekabfoɔ fie mma no nyinaa, 4 na mede wɔn baa Yehowa fie hɔ, nokorɛ Nyankopɔn nipa Hanan, Yigdalia ba no mma adidibea+ a ɛwɔ mpanimfoɔ no adidibea a ɛwɔ ɛpono ano hwɛfoɔ Salum+ ba Maaseia adidibea atifi nkyɛn hɔ no mu. 5 Ɛnna mede nkuruwa a nsã ayeyɛ no amaama ne nkoraa sisii Rekabfoɔ fie mma no anim, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnom nsã.”
6 Na wɔkaa sɛ: “Yɛrennom nsã biara, ɛfiri sɛ yɛn agya Rekab+ ba Yonadab hyɛɛ yɛn sɛ, ‘Monnnom nsã biara; mo ne mo mma nyinaa nnnom bi da.+ 7 Monnsisi afie, na monnnua aba biara; monnyɛ bobeturo biara, na mommfa nnyɛ mo deɛ. Ntomadan mu na montena mo nna nyinaa na moatena ase akyɛ, asase a moyɛ ahɔhoɔ wɔ soɔ no so.’+ 8 Enti yɛatie yɛn agya Rekab ba Yehonadab, deɛ ɔhyɛɛ+ yɛn no nyinaa mu, na yɛnnom nsã biara yɛn nna nyinaa mu, yɛne yɛn yerenom ne yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa,+ 9 na yɛnsisii afie bi ntenaa mu na yɛnni bobeturo anaa asase anaa aba bi. 10 Yɛtete ntomadan mu; yɛatie na yɛayɛ deɛ yɛn agya Yonadab+ hyɛɛ yɛn no nyinaa.+ 11 Nanso berɛ a Babilon hene Nebukadresar tu baa asase yi soɔ+ no, yɛkaa sɛ, ‘Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem, Kaldea asraafoɔdɔm ne Siria asraafoɔdɔm no nti, na yɛnkɔtena Yerusalem.’”+
12 Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 13 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Kɔ na kɔbisa Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: “Mantu mo fo daa sɛ montie m’asɛm?”+ Yehowa asɛm nie. 14 “Rekab+ ba Yehonadab asɛm a ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ wɔnnnom nsã biara no, wɔadi so na wɔnnom nsã de bɛsi nnɛ, na wɔadi wɔn agya ahyɛdeɛ so.+ Me deɛ, mekasa kyerɛɛ mo, mesɔree anɔpahema kasa kyerɛɛ mo,+ nanso moantie me.+ 15 Mesomaa me nkoa adiyifoɔ+ no nyinaa baa mo nkyɛn daa; mesɔree anɔpahema somaa wɔn sɛ, ‘Obiara nsan mfiri ne kwammɔne so+ na momma mo nneyɛɛ nyɛ yie,+ na monnkɔdi anyame foforɔ akyi nnsom wɔn.+ Na montena asase a mede maa mo agyanom no so daa.’+ Nanso moammrɛ mo aso ase, na moantie me.+ 16 Rekab+ ba Yehonadab mma no adi wɔn agya ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ wɔn no so,+ nanso ɔman yi deɛ, wɔantie me.”’”+
17 “Enti deɛ Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Hwɛ, mmusuo a maka atia Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa no, mede ne nyinaa bɛba wɔn so,+ ɛfiri sɛ mekasa kyerɛɛ wɔn, na wɔantie; mefrɛɛ wɔn daa, nanso wɔannye me so.’”+
18 Na Yeremia ka kyerɛɛ Rekabfoɔ fie mma no sɛ: “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Sɛ́ moatie mo agya Yehonadab+ ahyɛdeɛ na moda so di n’ahyɛdeɛ nyinaa soɔ na moyɛ deɛ ɔhyɛɛ mo nyinaa+ nti, 19 deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Onipa a ɔbɛgyina+ m’anim remmɔ Rekab ba Yonadab da biara da.”’”+