Yeremia
35 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no nna no mu nie: 2 “Kɔ Rekabfoɔ no fie,+ na wo ne wɔn nkɔkasa, na fa wɔn bra Yehowa fie, na fa wɔn kɔ adidibea no baako mu, na ma wɔn nsã nnom.”
3 Enti mefaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne mma mmarima nyinaa ne Rekabfoɔ fiefoɔ nyinaa, 4 na mede wɔn baa Yehowa fie hɔ. Na mede wɔn kɔɔ nokorɛ Nyankopɔn no nipa, Hanan, Yigdalia ba no mma adidibea hɔ, deɛ ɛwɔ mpanimfoɔ no adidibea a ɛwɔ ɛpono ano hwɛfoɔ Salum ba Maaseia adidibea atifi no nkyɛn hɔ no. 5 Ɛnna mede nkuruwa a nsã ayeyɛ no ma ne bobesa nkuruwa sisii Rekabfoɔ fiefoɔ no anim, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnom nsã.”
6 Nanso wɔkaa sɛ: “Yɛrennom nsã, ɛfiri sɛ yɛn agya Rekab ba Yehonadab*+ hyɛɛ yɛn sɛ, ‘Mo ne mo mma nyinaa, monnnom nsã da. 7 Monnsi dan, monnnua aba, monnyɛ bobefuo,* na ɛnsɛ sɛ monya bobefuo nso. Mmom, montena ntomadan mu daa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtena ase akyɛ wɔ asaase a moyɛ ahɔhoɔ wɔ so no so.’ 8 Ɛno nti, deɛ yɛn agya Rekab ba Yehonadab ka kyerɛɛ yɛn no nyinaa, yɛda so ara di so. Enti yɛne yɛn yerenom ne yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa nyinaa, yɛmfaa nsã biara nkaa yɛn ano da. 9 Na yɛnsisi adan ntena mu, na yɛnni bobe mfuo anaa nsaase anaa aba. 10 Yɛakɔ so atena ntomadan mu, na yɛatie deɛ yɛn agya Yehonadab* ka kyerɛɛ yɛn no nyinaa. 11 Nanso berɛ a Babilon hene Nebukadnesar* foro bɛto hyɛɛ asaase no so no,+ yɛkaa sɛ, ‘Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem, na yɛnnwane Kaldeafoɔ asraafoɔ ne Siriafoɔ asraafoɔ no,’ enti seesei yɛte Yerusalem.”
12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: 13 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Kɔ na kɔbisa Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: “Mantu mo fo daa sɛ montie m’asɛm?”+ Yehowa asɛm nie. 14 “Rekab ba Yehonadab ka kyerɛɛ n’asefoɔ sɛ wɔnnnom nsã, na wɔadi n’asɛm so, na ɛde bɛsi nnɛ nyinaa wɔnnom nsã; wɔayɛ saa de adi wɔn agya ahyɛdeɛ so.+ Nanso, me deɛ, mekasa kyerɛɛ mo mprɛ pii,* nanso moantie me.+ 15 Na mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; mesomaa wɔn mprɛ pii*+ bɛka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mepa mo kyɛw, obiara nsan mfiri ne kwammɔne so+ na monyɛ adepa! Monnkɔdi anyame foforɔ akyi, na monnsom wɔn. Sɛ motie me a, mobɛtena asaase a mede maa mo ne mo agyanom no so daa.’+ Nanso moanyɛ aso amma me, na moantie me. 16 Rekab ba Yehonadab asefoɔ no adi wɔn agya ahyɛdeɛ a ɔde maa wɔn no so,+ nanso ɔman yi deɛ, wɔantie me.”’”
17 “Enti deɛ Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka nie: ‘Hwɛ, mmusuo a meka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa sɛ wɔantie me a, mede bɛba wɔn so no, mede ne nyinaa bɛba wɔn so,+ ɛfiri sɛ mekasa kyerɛɛ wɔn, na wɔantie; mefrɛɛ wɔn daa, nanso wɔannye me so.’”+
18 Na Yeremia ka kyerɛɛ Rekab fiefoɔ no sɛ: “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Ɛsiane sɛ moatie mo agya Yehonadab ahyɛdeɛ, na moakɔ so adi n’ahyɛdeɛ nyinaa so, na moyɛ deɛ ɔkaa sɛ monyɛ nyinaa nti, 19 deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Daa wɔbɛnya Rekab ba Yehonadab* aseni a ɔbɛgyina m’anim asom me.”’”