Yeremia
34 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛbaa berɛ a Babilon hene Nebukadnesar* ne n’asraafoɔ nyinaa, ne asaase so ahennie a ɛhyɛ n’ase nyinaa, ne aman nyinaa, bɛto hyɛɛ Yerusalem ne ne nkuro nyinaa so ne wɔn bɛkoeɛ no.+ Asɛm no nie:
2 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Kɔ Yuda hene Sedekia+ nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ mede kuro yi bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔde egya ahye.+ 3 Na worentumi nnwane mfiri ne nsam, ɛfiri sɛ deɛ ɛteɛ biara wɔbɛkye wo, na wɔde wo ahyɛ ne nsa.+ Wode w’ani bɛhunu Babilon hene, na ɔne wo akasa, na wobɛkɔ Babilon.’+ 4 Nanso tie Yehowa asɛm, O Yuda hene Sedekia, ‘Deɛ Yehowa aka afa wo ho nie: “Ɛnyɛ sekan na ɛbɛku wo. 5 Asomdwoeɛ mu na wobɛwuo,+ na wɔbɛhye aduhwam ama wo sɛdeɛ wɔhyee bi maa w’agyanom, ahemfo a wɔdii wo kan no. Na wɔbɛsu wo sɛ, ‘Ao yɛn wura!’ ɛfiri sɛ ‘me na maka asɛm yi,’ Yehowa asɛm nie.”’”’”
6 Ɛnna odiyifoɔ Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Yuda hene Sedekia wɔ Yerusalem. 7 Saa berɛ no, na Babilon hene asraafoɔ ne Yerusalem ne Yuda nkuro a aka nyinaa,+ kyerɛ sɛ, Lakis+ ne Aseka+ reko; ɛfiri sɛ nkuro yi nko ara ne Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban a na aka.
8 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛbaa berɛ a Ɔhene Sedekia ne Yerusalemfoɔ nyinaa yɛɛ apam sɛ wɔmma obiara mfa ne ho nni,+ 9 na obiara mma ne nkoa a wɔyɛ Hebrifoɔ, mmarima ne mmaa nyinaa, mfa wɔn ho nni, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara remfa ne nua Yudani nyɛ n’akoa bio. 10 Enti mpanimfoɔ no ne ɔman no nyinaa tieeɛ. Ná wɔayɛ apam sɛ obiara mma ne nkoa ne ne mfenaa mfa wɔn ho nni, na wɔmmfa wɔn nnyɛ nkoa bio. Wɔtieeɛ, na wɔgyaa wɔn maa wɔkɔe. 11 Nanso akyire yi, wɔsan kɔfaa nkoa ne mfenaa a na wɔagyaa wɔn no bae, na wɔhyɛɛ wɔn de wɔn yɛɛ nkoa bio. 12 Ɛno nti Yehowa asɛm firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ:
13 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Me ne mo agyanom yɛɛ apam+ ɛda a meyii wɔn firii Egypt asaase so, firii nkoafie hɔ no.+ Mekaa sɛ: 14 “Obiara a wɔbɛtɔn ne nua Hebrini ama no no, sɛ ɔsom wo mfeɛ nsia a, afe a ɛtɔ so nson no, ma ɔmfa ne ho nni; gyaa no ma no nkɔ.”+ Nanso mo agyanom antie, na wɔanyɛ aso amma me. 15 Mo deɛ, nnansa yi ara,* mosesaa mo adwene, na moyɛɛ deɛ ɛtene wɔ m’ani so. Momaa mo nkoa faa wɔn ho dii, na moyɛɛ apam wɔ m’anim wɔ efie a me din da so no mu. 16 Nanso mosan sesaa mo adwene, na moguu me din ho fĩ,+ ɛfiri sɛ motwaa mo ho kɔfaa nkoa ne mfenaa a mogyaa wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nni sɛdeɛ wɔpɛ* no, na mosan hyɛɛ wɔn de wɔn yɛɛ nkoa.’
17 “Ne saa nti, deɛ Yehowa aka nie: ‘Moantie me amma mo nkoa amfa wɔn ho anni, na mo mu biara annyaa ne nua anaa ne yɔnko.+ Ɛno nti,’ Yehowa asɛm nie, ‘me ara mɛrebɛma mo ahofadie. Mede mo rebɛma sekan ne nsanyareɛ a ɛdi awuo* ne ɛkɔm,+ na mɛma moadane biribi a ɛyɛ hu ama asaase so ahennie nyinaa.+ 18 Na mmarima a wɔabu m’apam so a wɔanni apam a me ne wɔn yɛeɛ no mu nsɛm so, apam a wɔyɛɛ wɔ m’anim berɛ a wɔpaee nantwie ba mu mmienu na wɔfaa ɛfã ne fã no ntam no,+ 19 kyerɛ sɛ, Yuda mpanimfoɔ ne Yerusalem mpanimfoɔ ne ahemfie mpanimfoɔ ne asɔfoɔ ne asaase no sofoɔ nyinaa, wɔn a wɔfaa nantwie ba a wɔapae mu no ntam no: 20 Mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no nsa, na wɔn afunu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne asaase so mmoa.+ 21 Na mede Yuda hene Sedekia ne ne mpanimfoɔ bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no nsa ne Babilon hene asraafoɔ a wɔresan wɔn akyi akɔ no nsa.’+
22 “‘Hwɛ, mede ahyɛdeɛ bi bɛma,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mede wɔn bɛsan aba kuro yi so bio, na wɔne kuro yi bɛko, na wɔbɛfa na wɔde gya atom;+ na mɛma Yuda nkuro asɛe a obiara rentena mu.’”+