-
Leviticus 25:39-42Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
39 “‘Sɛ ohia ka wo nua na ɔtɔn ne ho ma wo a,+ nhyɛ no mma no nnyɛ nkoadwuma.+ 40 Yɛ no sɛdeɛ wobɛyɛ ɔpaani+ anaa ɔhɔhoɔ a watu abɛtena wo nkyɛn. Ma no nsom wo nkɔsi sɛ Ahofadie Afe no bɛduru. 41 Afei ɔne ne mma* nyinaa mfiri wo nkyɛn nkɔ n’abusuafoɔ hɔ, na ɔnsan nkɔfa agyapadeɛ a n’agyanom gya maa no no.+ 42 Wɔyɛ me nkoa a meyii wɔn firii Egypt asaase so.+ Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho sɛdeɛ wɔtɔn nkoa.
-